haippa,

Kae me (Great Ampong, Cee)

Asɛm to me, ɔhaw ba me so a, menni ɔboafoɔ
Menni ɔkamafoɔ, ɔbaakofoɔ ei, m'anidasoɔ asa

so me ma m'aniso kyerƐ mmepɔ a
Ɛhen koraa na me mmoa firi bƐba
me mmoa firi ɔsoro ne asaase yɛfo (Nana Nyame)

ei na ɔboafoɔ, ɔkwankyerɛfoɔ, onnibie adamfo ei
nnyanka nyinaa Agya ei
boa me o me wura ei (ei ei ei e e)

(chorus)

Ewurade kae me
ma ensi me yie (2x)
boa me o me wura ei

(dude's part)

A ɛkɔm ne ohia atra me so aa
enkosi da bɛn
enti m'aserefoɔ asere sere me
enkɔ nkosi da bɛn..me Nyame ei

ɛtɔ da bi, amaneɛ, osu ne awerɛhoɔ
me nnisuo yi afɔ sumyɛ
m'adwendwen adɔɔso bebree, baakofoɔ ei

me hwɛ m'akyi ne m'anim, bɛnkum ne nifa a
boo me team(5x) a
me frɛ nso a ɔgyefoɔ mma o
aka me nkoaa ei
(na adɛn o)

me Abraham ase ni
afei na ɛduru me so o
Agya m'awoɔ ɛyaa akyɛ o Awurade
kyekye me werɛ oo o o o o

(chorus) ɔ ɛ

osu ne amaneɛ ne ɔyaw mu
wo se me nfrɛ wo oo
wo bɛ gye me so o
wo bɛ ka me nsɛm akɛseɛ a ahinta a me nnim

enti me nso a ɔhaw ne yadeɛ,
kɔ da a, ɛnna ne abawoɔ ei
m'anisuo nyinaa; me nfa ne nyinaa mra w'anim
w'ani ko me ho o

eei na ɔboafoɔ, ɔkwankyerɛfoɔ, onibie adamfo ei
nnyanka nyinaa Agya ei
boa me o me wura ei

repeat chorus till fade

© Cee, Great Ampong